Psalms 13

Mmoa mpaebɔ

1 Awurade, wo werɛ befi me akosi da bɛn?
Daa nyinaa anaa?
Wubehintaw wo ho afi me ho akosi da bɛn?
2Mentena ɔhaw mu nkosi da bɛn?
Awerɛhow nhyɛ me koma ma awia ne anadwo nkosi da bɛn?
Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?
3O Awurade, me Nyankopɔn, tew wʼani hwɛ me na bua me.
Ma me ahoɔden; mma me nnwu.
4Mma mʼatamfo nka se, “Yɛadi ne so nkonim.” Mma wɔn ani nnnye mʼasehwe ho.
5Mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so.
Mʼani begye efisɛ, wubegye me nkwa.
6O Awurade, mɛto dwom ama wo efisɛ, woayɛ me adɔe.
Copyright information for TwiNAK